Verse 1:
Adehye mogya bi ebue na no aa
Kanea yi aa
Nante wɔ osaman sewu so akyɛ yɛn kwa
Odi akukuodro akɔ Agya nɛ nim hɔ
W’abu yɛn bem oo ee
Ɛfabuo biara nnihɔ ma yɛn biom

Pre-Chorus (2x):
Ntɛmgyinafoɔ Yesu mogya redii ma yɛn ee
Wɔ wiase aa ɛhum akɛse aa ne amaneɛ yi mu
Mmerɛ anidasoɔ asa no
Yɛ ma yɛn gyedie so wɔ mpaebɔ mu aa
Mogya ne nti Onyame Agya nu n’aso (nyinaa) abue

Chorus (2x):
Sɛ ɛnyɛ Yesu mogya nu aa
Anka yɛ gyina henne ee
W’ansane anba ambɛ wo angye yɛn aa
N’anka ya yera

Interlude

Ee adehye mogya bi atua wotriso ka ooo
Aaa mogya no ka nea ɛyɛ
Sen anantwiE ne nnwan mogya oo

Verse 2:
Onyankopon nam n’apam no so oo
Ɔkae yɛn sɛ
Yɛ yɛ ne mogya ne somfo
Ɔhwihwɛ amane aa ɛburu yɛn so oo
Ɔfaa yɛn no mu aa
Ɔgye yɛn ɔsɛefoɔ ne nsam mu oo

Pre-Chorus:
Ntɛmgyinafoɔ Yesu mogya kasa ma yɛn ee
Wɔ ɔhaw, ɔyaw ne epinisie nyinaara mu
Mmerɛ anidasoɔ asa no
Yɛ kɔ yɛn nkotodwe anim wɔ mpaebɔ mu aa
Mogya no nti Onyame Agya n’aso abue

Ntɛmgyinafoɔ Yesu mogya kasa ma yɛn ee
Wɔ ɔhaw, ɔyaw ne epinisie nyinaara mu
Mmerɛ anidasoɔ asa no
Yɛ kɔ yɛn nkotodwe anim wɔ mpaebɔ mu aa
Mogya no nti yɛ Papa aso abue

(Repeat Chorus)

Vamp:
Anka ya tete dadaada
Anka ya sɛi koraa

Anka ya tete dadaada
Anka ya sɛe koraa

Repeat Chorus (2x)

Vamp (2x)

Song by Jane and Bernice

YouTube video