Makoma Lyrics by Kwaku Kwame Ft. MOGmusic
Verse 1
Wobo soro ne asaase
Ne mu nneɛma nyinaa
Ne nyinaa yɛ wodea oo
Nti mede makoma bɛbɔ aforeɛ ama wo
Odomfo nnwanwani
Chorus
Makoma yi yɛ wo de
Mede brɛ wo oo
Agya gye
Fa yɛ nea wopɛ
Verse 2
Adeɛ baako na mesrɛ
Na ɛno na mehwehwɛ;
Me nkwa nna nyinaa,
Sɛ mɛtena Awurade nkyɛn
Na mahwɛ n’ahoɔfɛ
Na mahwehwɛ no wɔ ne fie…
Chorus
Makoma yi yɛ wo de
Mede brɛ wo oo
Agya gye
Fa yɛ nea wopɛ
Bridge
Tew me ho
Fa me nnomum na hyɛ me ma
Ma wo Sunsum krɔnkrɔn no mbɛtina me mu
Jesus, fa makoma
Fa yɛ nea wo pɛ
Song by Kwaku Kwame Featuring MOGmusic
Written by Kwaku Kwame, Omari Kissi, and Pastor Edwin Dadson