Mempene Lyrics – Willie & Mike youtu.be
Chorus:
Deɛ Onyame aka sɛ ɔbɛyɛ no
Ɛyɛ dɛn ara ɔbɛyɛ
Deɛ Onyame aka sɛ ɔbɛyɛ no
Ɛyɛ dɛn ara ɔbɛyɛ o o o
Onipa ntumi nsi ho kwan
Ɔsɛefoɔ ntumi nsi ano kwan
Deɛ Onyame aka sɛ ɔbɛyɛ no
Ɛyɛ dɛn ara ɔbɛyɛ o o o
Onipa ntumi nsi ho kwan
Ɔsɛefoɔ ntumi nsi ano kwan
Deɛ Onyame aka sɛ ɔbɛyɛ no
Ɛyɛ dɛn ara ɔbɛyɛ
Verse 1:
Onyame se ɔbehyira me
Ɛyɛ dɛn ara ɔbehyira me o o o
Sɛ Nyame se wahyira me a
Onipa biara ntumi nka me nhyɛ bia mu
Babi a wahyehyɛ sɛ ɔde me begyina no o
Ɛhɔ ara na megyina o
Deɛ Onyame aka sɛ ɔbɛyɛ no
Ɛyɛ dɛn ara ɔbɛyɛ
Waka sɛ obehyira me no
Sɛ nea ɛteɛ biara obehyira me o o o
Onyame se obepagya me a
Onipa biara ntumi nka me nhyɛ bia mu
Babi a wahyehyɛ sɛ ɔde me begyina no o
Ɛhɔ ara na megyina o
Deɛ Onyame aka sɛ ɔbɛyɛ no
Ɛyɛ dɛn ara ɔbɛyɛ
Hwɛ
Pre-Chorus:
Mempene o
Mempene mma wɔnnka me nhyɛ o a
M'ahyɛaseɛ na esua a
M'awieɛ no bɛyɛ kokroko
Ɛwɔ mu sɛ meberɛ
Nanso memmɔ hu ara da o
Me da efie ase nanso
Yɛbɛbɔ me din ɛwɔ ahenfie
Me nua eii
Mempene o
Mempene mma monnka me nhyɛ o a
M'ahyɛaseɛ na esua a
M'awieɛ no bɛyɛ kokroko
Ɛwɔ mu sɛ meberɛ
Nanso memmɔ hu ara da o
Meda efie ase Nanso
Yɛbɛbɔ me din ɛwɔ ahenfie
Repeat Chorus
Interlude
Verse 2:
Obeyi wo afiri atɛkyɛ mu
Na ɔde wo nan no asi ɔbotan so
Ɔbɛkora wo, ɔbɛkora wo wɔ ne nsa yam
Din nkoa na yɛ
Ensuro mma w'akoma entutu oo
Sɛnea odii Joseph akyi no
Saa ara na obedi w'akyi
Tie
Obeyi wo afiri atɛkyɛ mu
Na ɔde wo nan no asi ɔbotan so
Ɔbɛkora wo, ɔbɛkora wo wɔ ne nsa yam
Din nkoa na yɛ
Ensuro mma w'akoma entutu wa'e
Sɛnea odii Joseph akyi no
Saa ara na obedi w'akyi
Pre-Chorus:
Mɛmpene o
Mɛmpene mma wɔnnka wo nhyɛ o a
W'ahyɛaseɛ na esua a
W'awieɛ no bɛyɛ kokroko
Ɛwo mu sɛ woreberɛ
Nanso mmɛmmɔ hu ara da o
Wo da efie ase nanso
Yɛbɛbɔ wo din ɛwɔ ahenefie
Mɛmpene o
Mɛmpene mma wɔnnka wo nhyɛ o a
W'ahyɛaseɛ na esua
W'awieɛ no bɛyɛ kokroko
Ɛwo mu sɛ woreberɛ
Nanso mmɛmmɔ hu ara daa o
Wo da efie ase Nanso
Yɛbɛbɔ wo din ɛwɔ ahenfie
Me nua eei
Repeat Chorus
Song by Willie & Mike
Report Story