Me Domfo Lyrics – Omari Kissi Jnr. youtu.be
Verse 1:
Mɛma wo so akyerɛ amansan
(I will lift you before nations)
Woyɛ Medomfo
(You are my grace giver)
Na w'ahumɔbrɔ nso tim hɔ daa
(And your mercy remains forever)
Woyɛ Medomfo
(You are my grace giver)
Anuonyam nka Nyame wɔ soro hɔ
(Glory be unto God in heaven)
N'ayeyi nso renpa m'anum da
(His praise shall continually be in my mouth)
Wo ne m'akokyɛm ne meguankɔbea
(You are my shield and hiding place)
Woyɛ Medomfo
(You are my grace giver)
Adom wɔ Yesu mu na aso me ne wo so
(There is grace in Jesus that we share)
Nea ɔde ne werɛ hyɛ ne mu
(Whoever puts their trust in Him)
N'anim renguase da
(Will never be ashamed)
Choir sings:
Medɔfo, Medomfo
(My lover, my grace giver)
Ahumɔbrɔ Nyame
(God of mercy)
Sɛ ɛyɛ ɔhaw bi anaa amaneɛ mu a
(If ever I'm in difficulties and problems)
Wo ne m'anidaso
(You are my hope)
Megyefo, M'adamfo
(My saviour, my friend)
Adɔyɛ ahyɛ wo mu ma
(You are full of kindness)
Sɛ ɛyɛ ɔhaw bi anaa amaneɛ mu a
(If ever I'm in difficulties or problems)
Wo ne m'anidaso
(You are my hope)
CODA:
Sɛ ɛyɛ ɔhaw bi anaa amaneɛ mu a
(If ever I'm in difficulties or problems)
Wo ne m'anidaso
(You are my hope)
Sɛ ɛyɛ ɔhaw bi anaa amaneɛ mu a
(If ever I'm in difficulties or problems)
Wo ne m'anidaso
(You are my hope)
Song by Omari Kissi Jnr.
Report Story