Awurade Yesu Kristo Lyrics – Opoku Onyinah youtu.be
1. Awurade Yesu Kristo, Me Wura ne Wo daa nyinaa (2x)
Sↄ me mu, Sↄ me mu
Fa me fa akwantu yi mu;
Awurade Yesu Kristo,
Me Wura ne Wo daa nyinaa
2. Ↄdↄfo kɛse bɛn na manya yi Wↄ me Wura Yesu m’ (2x)
Medan Wo, Medan Wo,
Minni obi sɛ Wo nkutoo
Ↄdↄfo kɛse bɛn na manya yi wↄ me Wura Yesu m’
3. Yↄnko nokwafo ne Awurade Yesu Kristo a mahu No yi (2x)
Ↄka me ho, Ↄka me ho
Baabiara a mɛfa wↄ akwantu yi mu;
Yↄnko nokwafo ne Awurade
Yesu Kristo a mahu No yi
4. Ↄbanbↄfo pa ne Awurade Yesu Kristo a manya No yi; (2x)
Odi m’akyi, Odi m’akyi
Ↄrennya me da wↄ akwantu yi mu;
Ↄbanbↄfo pa ne Awurade
Yesu Kristo a manya No yi
Song by Opoku Onyinah 2010 (The Church of Pentecost, Ghana)
Report Story